61
Awurade Adom Afe
Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so,
ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo
sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,
sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ
na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,
sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,
ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.
Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia,
na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ
nsi nsõ anan mu;
anigyeɛ ngo
nsi awerɛhoɔdie anan mu,
ayɛyie atadeɛ
nsi abasamutuo honhom anan mu.
Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum
deɛ Awurade adua
de ada nʼanimuonyam adi.
 
Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio,
na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no;
wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ
deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.
Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo;
ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu.
Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ,
wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ.
Amanaman no ahonya no na mobɛdi
na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho.
 
Wɔn animguaseɛ anan mu
me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho,
na ahohora anan mu
wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu;
ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,
na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea.
 
“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee.
Mekyiri korɔno ne nnebɔne.
Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so
na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu
ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu.
Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ
wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
 
10  Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ,
me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie.
Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me
na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me,
sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ,
ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
11 Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue
na turo nso ma aba nyini no,
saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie
apue wɔ amanaman anim.