63
Onyankopɔn Aweretɔ Ne Ɔgyeɛ Ɛda No
Hwan ni yei a ɔfiri Edom reba,
deɛ ɔfiri Bosra a nkekaeɛ kɔkɔɔ wɔ nʼatadeɛ mu yi?
Hwan ne yei a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ yi,
a ɔde nʼahoɔden kɛseɛ retutu taataa yi?
 
“Ɛyɛ me a mekasa wɔ tenenee mu
deɛ ɔtumi gye nkwa.”
 
Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ,
te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi?
 
“Me nko ara atiatia nsakyiamena so,
na amanaman no mu obiara anka me ho.
Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu
na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu;
wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu,
maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu.
Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu
na me gyeɛ afe no aba.
Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ,
ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me;
enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me,
na mʼabufuo wowaa me.
Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu;
memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu
na mehwiee wɔn mogya guu fam.”
Ayɛyie Ne Mpaeɛbɔ
Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm,
ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie,
wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho
aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ
ama Israel fiefoɔ,
wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti.
Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ,
mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”;
ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane,
na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn.
Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn;
ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn
mfeɛ a atwam no nyinaa mu.
10 Nanso, wɔtee atua
de hoo ne Honhom Kronkron werɛ.
Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ
na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
11 Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no,
Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ,
ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ?
Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no.
Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no
tenaa wɔn mu no wɔ?
12 Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi
sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so,
deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim,
de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,
13 deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu
sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a
wɔasunti.
14 Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no,
saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ.
Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan
de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie.
 
15 Brɛ wʼani ase hwɛ fam
firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so.
Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he?
Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so.
16 Nanso wo ara wo ne yɛn Agya
ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn
na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ;
nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya,
ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ.
17 Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan
na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni?
Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ,
mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti.
18 Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea
nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so.
19 Enti yɛyɛ wo dea firi tete
nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene
na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.