Yohane
Nwoma A Ɛdi Ɛkan
1
Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no. Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ.
Onyankopɔn Yɛ Hann
Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa. Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu. Na sɛ yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.
Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho. 10 Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofoɔ a nʼAsɛm no nni yɛn mu.