4
Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne
Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase. Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.
Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ. Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.
Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ
Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri sɛ, ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso. Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11 Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. 12 Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
13 Yei na ɛma yɛhunu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14 Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ sɛ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa. 15 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16 Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. 17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri sɛ, yɛn abrabɔ wɔ ewiase ha no te sɛ Kristo deɛ pɛ. 18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
19 Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane. 20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no. 21 Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.