Yohane
Nwoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa
1
Me, Asɔre panin,
 
Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio.
 
 
Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no. Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie. Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu.
Mʼadamfo pa, wodi nokorɛ yie wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ mpo. Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantuo no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn. Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma.
Diotrefe
Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no. 10 Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu.
11 Mʼadamfo pa, monnsua ade bɔne, na mmom, monsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn dea. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn. 12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokorɛ no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ pa na monim sɛ deɛ yɛka no yɛ nokorɛ.
 
 
13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛdua so nka. 14 Ɛrenkyɛre biara mɛhunu mo na me ne mo akasa.
 
15 Asomdwoeɛ nka mo.
 
Mo nnamfonom nyinaa kyeakyea mo. Kyeakyea yɛn nnamfonom nyinaa.