10
“Abrabɔ afono me;
enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie
na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.
Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ,
na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya?
Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma
na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?
Wowɔ ɔhonam mu ani anaa?
Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa?
Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani
anaa wo mfeɛ te sɛ onipa,
a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ
na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ,
nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.
 
“Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me.
Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?
Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ.
Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?
10 Woanhwie me sɛ nufosuo
no womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi,
11 amfa wedeɛ ne honam ankata me ho
ankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa?
12 Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me,
na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so.
 
13 “Nanso yei na wode siee wʼakoma mu;
na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu.
14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me
na wobɛma me ɛso asotwe.
15 Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!
Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti,
ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma
na mʼamanehunu amene me.
16 Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,
na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.
17 Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me
na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so;
wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.
 
18 “Adɛn enti na woma wɔwoo me?
Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.
19 Anka mamma nkwa yi mu,
anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.
20 Aka kakra na me nna atwam,
gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi
21 ansa na makɔ koransane
kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,
22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,
sunsumma tumm ne sakasaka,
baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.”