13
“Mʼani ahunu yeinom nyinaa,
mʼaso ate, na ate aseɛ nso.
Deɛ wonim no, me nso menim;
wo nsene me.
Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfoɔ no
na me ne Onyankopɔn toatoa adwene wɔ mʼasɛm ho.
Mode atorɔ mmom na afɔre me ho;
mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ!
Sɛ mobɛyɛ komm koraa a
ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!
Afei montie mʼano asɛm;
montie mʼanoyie.
Mobɛka amumuyɛsɛm ama Onyankopɔn anaa?
Mobɛka nnaadaasɛm ama no anaa?
Mobɛkyea mo aso ama no?
Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no anaa?
Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi mo yie anaa?
Mobɛtumi adaadaa no sɛdeɛ modaadaa nnipa no anaa?
10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kɔkoam a,
sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka mo anim.
11 Nʼanimuonyam mmɔ mo hu anaa?
Ne ho suro nntɔ mo so anaa?
12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbuo a ɛte sɛ nsõ;
mo anoyie yɛ dɔteɛ.
 
13 “Monyɛ dinn, na menkasa;
na deɛ ɛbɛyɛ me biara mmra me so.
14 Adɛn enti na mede me ho to amaneɛ mu
na mede me nkwa to me nsam?
15 Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda;
ampa ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.
16 Nokorɛm, yei na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,
ɛfiri sɛ deɛ ɔnsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!
17 Montie me nsɛm yi yie;
monyɛ aso mma deɛ meka.
18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi,
menim sɛ mɛdi bem.
19 Obi bɛtumi abɔ me kwaadu anaa?
Sɛ ɛte saa deɛ a, anka mɛyɛ komm na mawu.
 
20 “Ao Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma mmienu yi pɛ ma me,
na afei meremfa me ho nsuma wo:
21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,
na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.
22 Afei samena me na mɛba,
anaa ma menkasa na bua me.
23 Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ?
Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne.
24 Adɛn enti na wode wʼanim asie me
na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ?
25 Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa?
Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa?
26 Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me,
na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.
27 Wode nkyehoma gu me nan;
wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie
na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu.
 
28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ,
te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.