33
“Na afei, Hiob, tie me nsɛm;
yɛ aso ma biribiara a mɛka.
Merebɛbue mʼano;
me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu;
na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.
Onyankopɔn Honhom na abɔ me;
Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.
Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ;
siesie wo ho, na ka si mʼanim.
Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim;
me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu.
Ɛnsɛ sɛ wosuro me,
na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
 
“Nanso woaka ama mate,
metee saa nsɛm no, na wokaa sɛ,
‘Meyɛ kronn na menni bɔne;
me ho te na afɔdie biara nni me ho.
10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ;
wafa me sɛ ne ɔtamfoɔ.
11 Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu;
na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
 
12 “Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani.
13 Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no
sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?
14 Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so,
na ebia nnipa nte.
15 Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,
ɛberɛ a nna afa nnipa
na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
16 ɔtumi kasa gu wɔn asom
na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
17 sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho
na watwe no afiri ahantan ho,
18 sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu
na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano.
19 Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so
na ne nnompe mu yea nnyae da,
20 kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane
na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
21 ɔfɔn yɛ basaa,
na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ.
22 Ne ɔkra bɛn damena,
na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.
 
23 “Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa
sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a,
24 ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ,
‘Monnyaa no na wankɔ damena mu;
na manya mpatadeɛ ama no,’
25 afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ,
na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ.
26 Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ,
ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam
na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
27 Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ,
‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene,
nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.
28 Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu,
enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
 
29 “Onyankopɔn yɛ yeinom nyinaa ma onipa,
mprɛnu ne ne mprɛnsa so,
30 sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu,
na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
 
31 “Yɛ aso, Hiob, na tie me;
yɛ dinn na menkasa.
32 Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me;
kasa, na mepɛ sɛ wɔbu wo bem.
33 Sɛ ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me.
Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”