39
“Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ?
Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?
Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn?
Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?
Wɔkoto wowo wɔn mma;
na wɔn awokoɔ yea to twa.
Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram;
na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.
 
“Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die?
Hwan na ɔsanee ne nhoma?
Mede asase bonini maa no sɛ ne fie,
ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ.
Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no;
na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.
Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea;
ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.
 
“Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa?
Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?
10 Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so?
Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?
11 Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti?
Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?
12 Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba
na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?
 
13 “Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so,
nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.
14 Ɔto ne nkosua gu asase so
ma mfuturo ka no hye,
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no,
sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so.
16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea;
ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa,
17 ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa,
wamma no nhunumu biara.
18 Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a,
ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.
 
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden
anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?
20 Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ,
na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?
21 Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,
na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
22 Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;
ɔhunu akofena a ɔnnwane.
23 Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu,
na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
24 Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam;
na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.
25 Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’
ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri,
ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.
 
26 “Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo
na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?
27 Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro
kɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ?
28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda;
ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden.
29 Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane;
nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.
30 Mogya yɛ ne mma aduane,
na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”