41
“Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn
anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?
Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,
anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?
Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa?
Ɔne wo bɛkasa brɛoo?
Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam
ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?
Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa
anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?
Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?
Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu
anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?
Wode wo nsa ka no a,
wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!
Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no;
ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.
10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no.
Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
11 Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua?
Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.
 
12 “Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa,
nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma,
na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
14 Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan,
a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
15 Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ,
ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;
16 sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti,
mframa biara mfa ntam.
17 Ɛtoatoa mu dendeenden a
emu ntumi ntete.
18 Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya;
nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann.
19 Egyatɛn turi firi nʼanom
na nsramma turituri firi mu.
20 Wisie tene firi ne hwene mu
te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.
21 Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ,
na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.
22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;
wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.
23 Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee;
ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.
24 Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan;
ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ.
25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa;
sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane.
26 Akofena wɔ no a, ɛnka no,
pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
27 Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi
na kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no.
28 Agyan mma no nnwane;
ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
29 Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so;
na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.
30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.
Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.
31 Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu
na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.
32 Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;
na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.
33 Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ.
Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.
34 Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;
ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.”