8
Bildad Asɛnka A Ɛdi Ɛkan
Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:
“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?
Wo nsɛm yɛ mframa huhuo.
Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa?
Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?
Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no,
ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so
na woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ,
sɛ woyɛ kronn, na wotene a,
wo enti, ɔbɛma ne ho so seesei
na wama wo asi wo dada mu.
Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra
na daakye woanya ama abu so.
 
“Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no,
na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.
Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee.
Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.
10 Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo.
Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa.
11 Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?
Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?
12 Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,
ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;
saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.
14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;
deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.
15 Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete;
ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.
16 Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu.
Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so;
17 Ne nhini nyini fa abotan ho,
na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu.
18 Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a,
saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’
19 Ampa ara ne nkwa twam,
na afifideɛ foforɔ nyini asase no so.
 
20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm
na ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene.
21 Ɔbɛma woasere bio,
na wode ahosɛpɛ ateateam.
22 Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ,
na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”