10
Tola Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ
Abimelek wuo akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba bɛgyee Israel. Na ɔfiri Isakar abusuakuo mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so. Ɔyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Ɔwuiɛ no wɔsiee no wɔ Samir.
Yair Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ
Tola wuo akyi no, Yair a ɔfiri Gilead bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu mmienu. Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro. Yair wuiɛ na wɔsiee no Kamon.
Amonfoɔ Hyɛ Israelfoɔ So
Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa. Enti Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amorifoɔ nsa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam wɔ Amorifoɔ (wɔ Gilead) asase no so mfeɛ dunwɔtwe. Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu. 10 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne atia wo, ɛfiri sɛ yɛatwe yɛn ho afiri yɛn Onyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.”
11  Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ 12 Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo. 13 Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio. 14 Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”
15 Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.” 16 Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.
17 Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa. 18 Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”