13
Samson Awoɔ
Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.
Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”
Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ”
Na Manoa bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn onipa no nsane mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛeɛ a ɛfa abarimaa a yɛbɛwo noɔ no ho.”
Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfoɔ no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ ɛberɛ a ɔwɔ afuom. Nanso, na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. 10 Ɔbaa no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Ɔbarima a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me ɛda no no asane aba bio!”
11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Ɔduruu ɔbarima no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no anaa?”
Ɔbuaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me.”
12 Enti, Manoa bisaa no sɛ, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ ma abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ?”
13  Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Hwɛ sɛ wo yere bɛdi nhyehyɛeɛ a mekyerɛɛ noɔ no so. 14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”
15 Enti, Manoa ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mesrɛ wo, tena ha kɔsi sɛ yɛbɛsiesie abirekyie ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”
16  Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.)
17 Afei, Manoa bisaa Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Wo din de sɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo animuonyam.”
18  Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.”
19 Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. 20 Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, Awurade ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam.
21 Ɔbɔfoɔ no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa hunuu sɛ ɛyɛ Awurade ɔbɔfoɔ, 22 na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!”
23 Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.”
24 Ɔbaa no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abɔfra no renyini no, Awurade hyiraa no. 25 Na ɛberɛ a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom hyɛɛ aseɛ baa ne so.