18
Dan Abusuakuo Mu Ahonisom
Saa ɛberɛ no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuo rehwehwɛ baabi atena, ɛfiri sɛ, na wɔntumi mpamoo nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so.
Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no. Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?” Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika.
Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”
Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.”
Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.
Ɛberɛ a wɔsane kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mohunuiɛ?”
Na wɔbuaa sɛ, “Momma yɛnkɔto nhyɛ wɔn so! Yɛahunu asase no na ɛyɛ pa ara. Monntwentwɛn mo nan ase koraa, monkɔfa asase no. 10 Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.”
11 Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol. 12 Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ. 13 Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie.
14 Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15 Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so. 16 Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ, 17 na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.
18 Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ mmarima no retwe akronkronneɛ no afiri Mika asɔreeɛ hɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?”
19 Wɔbuaa no sɛ, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn ɔsɔfoɔ. Wonnye nni sɛ ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuo bi ɔsɔfoɔ sene sɛ wobɛyɛ onipa baako fidua mu ɔsɔfoɔ?” 20 Ɔsɔfoɔ aberanteɛ no ani gyeeɛ sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotadeɛ kronkron no, abusua ahoni ne nsɛsodeɛ a wɔasene no. 21 Wɔsiim bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapadeɛ, dii wɔn anim.
22 Ɛberɛ a Dan abusuakuo mu nnipa no afiri Mika fie kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfoɔ mu bi tii wɔn. 23 Wɔbɛn wɔn no wɔteateaam. Na Dan mmarima no danee wɔn ani kaa sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Adɛn enti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sei?”
24 Mika buaa sɛ, “Wobisa sɛ ɛdeɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ sɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me ɔsɔfoɔ, na menni hwee bio!”
25 Dan mmarima no buaa sɛ, “Hwɛ deɛ woka no yie! Yɛn mu bi bo nkyɛre fu, anhwɛ a wɔn bo bɛfu na wɔakum wo ne wʼabusuafoɔ.” 26 Enti, Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika hunuu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ɔntumi nto nhyɛ wɔn so no, ɔdanee ne ho kɔɔ efie.
27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne ɔsɔfoɔ no de wɔn baa kuro Lais a emu nnipa wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ no mu. Wɔto hyɛɛ emu nnipa no so, kunkumm wɔn nyinaa, hyee kuro no dworobɛɛ. 28 Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye kuro no mufoɔ, ɛfiri sɛ, na deɛ wɔte no ne Sidon mu twe na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.
Afei, Dan abusuakuo no mma sane kyekyeree kuro no, na wɔtenaa hɔ. 29 Wɔde kuro no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kane no wɔfrɛ hɔ Lais.
30 Afei, wɔgyinaa nsɛsodeɛ a wɔasene no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Manase aseni sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Saa fie yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfoɔ maa Dan abusuakuo kɔsii Otukorɔ berɛ. 31 Enti Dan abusuakuo no toaa so somm nsɛsodeɛ a ɛyɛ Mika dea no wɔ ɛberɛ tenten a na Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ Silo.