2
Awurade Bɔfoɔ Ba Bokim
Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so? Deɛ moayɛ yi enti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛnmu nkasɛɛ na wɔn anyame nso ayɛ mfidie ama mo.”
Awurade ɔbɔfoɔ kasa wieeɛ no Israelfoɔ no suu denden. Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade.
Yosua Owuo
Yosua gyaa nkurɔfoɔ no kwan akyi no, mmusuakuo no mu biara kɔfaa nʼagyapadeɛ a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.
Afei, Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne edu. Wɔsiee no wɔ nʼawunya asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔ asase no a ɛwɔ Gaas bepɔ no atifi fam no.
Israelfoɔ Yɛ Asoɔden Tia Awurade
10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel. 11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni. 12 Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ. 13 Wɔgyaa Awurade akyi die, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. 14 Yei maa Awurade bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. 15 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wɔdi nkoguo, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no. Enti, wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
Onyankopɔn Gye Ne Nkurɔfoɔ
16 Afei, Awurade pagyaa atemmufoɔ ma wɔbɛgyee Israelfoɔ firi wɔn atamfoɔ nsam. 17 Nanso, Israelfoɔ no antie atemmufoɔ no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforɔ, kotoo wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so firii wɔn agyanom a wɔyɛɛ ɔsetie maa Awurade mmaransɛm no kwan so. 18 Ɛberɛ biara a Awurade de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, Awurade hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ. 19 Nanso, atemmufoɔ no wuo akyi no, nnipa no sane kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sene wɔn a wɔdii wɔn anim ɛkan no. Wɔdii anyame foforɔ akyi. Wɔkotoo wɔn, somm wɔn. Na wɔampɛ sɛ wɔgyae wɔn nnebɔnesɛm ne kɔnseneeɛsɛm no.
20 Enti, Awurade bo fuu Israel. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ so, na wɔapo me mmaransɛm enti, 21 merempamo aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewuo no. 22 Meyɛɛ yei de sɔɔ Israel hwɛeɛ sɛ wɔbɛtie Awurade sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no.” 23 Ɛno enti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammɛdi wɔn nyinaa so no.