4
Debora Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ
Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ. Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm. Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ. Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”
Barak ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!”
Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes. 10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.
11 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ* a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.
12 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so no, 13 ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.
14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ. 15 Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.
16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. 17 Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.
18 Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so.
19 Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.
20 Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.”
21 Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ.
22 Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.
23 Ɛda no na Israel hunuu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. 24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii sɛ akyire yi, wɔsɛee no.
* 4:11 4.11 Ɛfiri Mose berɛ so na Kenifoɔ ne Israelfoɔ yɛ baako (2 Mose 3.1). Ɛberɛ a wɔdi Kanaanfoɔ so no, wɔne Israelfoɔ na wɔko tiaa wɔn (2 Ah 1.6).