2
Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ. Ɔkaa sɛ,
“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,
na ɔgyee me so.
Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa
na wotiee me sufrɛ.
Wotoo me twenee ebunu mu
wɔ ɛpo ase tɔnn,
na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;
wʼasorɔkye ne mframa
bu faa me so.
Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim;
nanso mede mʼani bɛkyerɛ
wʼasɔredan kronkron no bio’
Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,
ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;
ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;
asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.
Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,
Ao Awurade, me Onyankopɔn.
 
“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,
mekaee wo Awurade,
na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,
wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
 
“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no
hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.
Nanso me, mede ayɛyie nnwom
bɛbɔ afɔdeɛ ama wo.
Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.
Nkwagyeɛ firi Awurade.”
10 Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.