3
Aman No Atemmuo
“Saa nna no mu,
mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.
Mɛboa aman nyinaa ano,
na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.
Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn
wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,
ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,
na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,
Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.
Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,
a wɔbɛnom.
“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu. Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka. Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
Mo mpae mu nka yei wɔ aman so:
Monsiesie mo ho mma ɔko!
Monkanyane akodɔm!
Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.
10 Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena,
na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea.
Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ,
“mewɔ ahoɔden!”
11 Monyɛ ntɛm mmra,
mo amanaman a moatwa ahyia,
mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ.
 
Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!
 
12 “Wɔnkanyane aman no;
wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu,
ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena
na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
13 Monhwim kantankrankyi no,
ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so.
Mommra, montiatia bobe no so,
ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma
na ankorɛ no ayɛ ma abu so.
Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”
 
14 Nipadɔm, nipadɔm
wɔ gyinasie subɔnhwa no mu!
Awurade ɛda no abɛn
wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.
15 Owia ne ɔsrane bɛduru sum,
na nsoromma renhyerɛn bio.
16  Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion,
ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem,
asase ne ɔsoro bɛwoso.
Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ,
ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.
Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Nhyira
17 “Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn,
mete Sion, me bepɔ kronkron so.
Yerusalem bɛyɛ kronkron;
na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.
 
18 “Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu,
na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so;
Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu,
na asutire bɛtue afiri Awurade efie,
na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.
19 Nanso Misraim bɛdane amanfo,
na Edom nso bɛyɛ anweatam,
ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti.
Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.
20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ
na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
21 Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no,
mede bɛkyɛ.
Na me Awurade, mɛtena Sion!”
* 3:6 3.6 Helafoɔ ne Foenikefoɔ dii dwa firi afe 800 A.W.A.