10
Odwanhwɛfoɔ Pa No
“Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ. Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no. Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne. Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.” Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no. Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea. 10  Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.
11  “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan. 12  Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete. 13  Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho.
14  “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me, 15  sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no. 16  Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so. 17  Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18  Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
19 Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu. 20 Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?”
21 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?”
Yudafoɔ Nnye Yesu Nni
22 Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 24 Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ, 26  nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan. 27  Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. 28  Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 29  MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 30  Me ne Agya no yɛ baako.”
31 Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?”
33 Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
34 Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’ 35  Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a, 36  ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm? 37  Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni. 38  Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.” 39 Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
40 Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.” 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ.