6
Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane
Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no. Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi. Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra. Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.
Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?” Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.
Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.”
Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ, “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”
10 Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. 11 Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
12 Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.” 13 Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
14 Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.” 15 Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.
Yesu Nante Po So
16 Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano. 17 Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum. 18 Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba. 19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ, 20 Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!” 21 Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.
22 Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho. 23 Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no. 24 Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
Yesu, Nkwa Aduane No
25 Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?”
26 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti. 27  Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.”
28 Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”
30 Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31 Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa. 33  Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”
34 Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”
35 Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da. 36  Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni. 37  Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38  Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ. 39  Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ. 40  MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.”
41 Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ. 42 Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?”
43 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no. 44  Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no. 45  Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46  Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no. 47  Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. 48  Mene burodo a ɛma nkwa no. 49  Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ, 50  nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da. 51  Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.”
52 Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”
53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. 54  Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. 55  Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56  Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu. 57  Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. 58  Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” 59 Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
Yesu Akyidifoɔ No Mu Pii Twe Wɔn Ho
60 Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
61 Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa? 62  Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ? 63  Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64  nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho. 65 Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no.
66 Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”
68 Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 69 Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71 Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.