10
Onyankopɔn Ne Ahoni
Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ. Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monnsua amanaman no akwan
na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu.
Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu
nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee;
wɔtwa dua firi kwaeɛm,
na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene.
Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;
wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ
sɛdeɛ ɛrenhwe fam.
Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu,
wɔn ahoni no ntumi nkasa;
ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn
ɛfiri sɛ wɔntumi nnante.
Monnsuro wɔn;
wɔrentumi nha mo
na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”
 
Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade;
woyɛ kɛseɛ
na wo din wɔ tumi.
Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni,
Ao, amansanhene?
Yei na ɛfata woɔ.
Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu
ne wɔn ahennie nyinaa mu,
obiara ne wo nsɛ.
 
Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ;
dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba
ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba.
Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ
a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no.
Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.
10 Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no;
ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no.
Sɛ ne bo fu a, asase woso;
na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.
11 “Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”
12 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu
na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
13 Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom;
ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.
Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba
na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.
 
14 Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;
sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti.
Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;
wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.
15 Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma.
Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
16 Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,
ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ,
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho,
Asafo Awurade ne ne din.
Ɔsɛeɛ A Ɛreba
17 Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so,
mo a motete nkuro a wɔatua mu.
18 Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a
wɔtete asase yi so atwene;
mede amanehunu bɛba wɔn so
sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.”
 
19 Me pira yi enti mennue;
mʼapirakuro yɛ koankorɔ!
Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,
“Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”
20 Wɔasɛe me ntomadan;
wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu.
Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio;
anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan
anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.
21 Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ.
Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan;
ɛno enti ɛnsi wɔn yie
na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.
22 Montie! Amaneɛ no reba,
basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so!
Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan,
na ayɛ sakraman atuo.
Yeremia Mpaeɛbɔ
23 Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea;
na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.
24 Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu,
mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso
anyɛ saa a, mɛwu.
25 Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman
a wɔnnye wo ntom no so,
nnipa a wɔmmɔ wo din no so.
Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob
wɔasɛe no koraa
na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.