20
Yeremia Ne Pashur
Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ. Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn. Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia. Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ”
Yeremia Anwiinwii
Ao, Awurade, woadaadaa me;
na mapene so ama woadaadaa.
Wɔtwee me da mu nyinaa;
na obiara sere me.
Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam
pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛeɛ.
Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa
abrɛ me da mu nyinaa.
Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.
Mede ahyɛ me mu abrɛ
nokorɛm, merentumi.
10 Mete asomusɛm bebree sɛ,
“Ehu wɔ baabiara!
Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”
Me nnamfonom nyinaa
retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ,
“Ebia wɔbɛdaadaa no;
na yɛatumi
atɔ ne so were.”
11 Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima;
enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina.
Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa;
wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.
12 Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ
na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu,
ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.
 
13 Monto dwom mma Awurade!
Monyi Awurade ayɛ!
Ɔgye ohiani nkwa firi
amumuyɛfoɔ nsam.
 
14 Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.
15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,
deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ,
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
16 Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a
Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne ɔko owigyinaeɛ.
17 Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu
amma me maame anyɛ damena amma me.
18 Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ
bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ
na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?