25
Mfeɛ Aduɔson Nkoasom
Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan. Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ, Mfeɛ aduonu mmiɛnsa* nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ.
Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn. Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.”
“Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.”
Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti, mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ. 10 Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu. 11 Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson.
12 “Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13 “Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. 14 Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
Onyankopɔn Abufuhyeɛ Kuruwa No
15 Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16 Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.”
17 Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ:
 
18 Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi,
19 Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, 20 amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa;
Us ahemfo;
Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);
21 Edom, Moab ne Amon;
22 Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;
ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no;
23 Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
24 Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no.
25 Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
26 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ.
Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
 
27 “Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’ 28 Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom! 29 Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’
30 “Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“ ‘Awurade bɛfiri soro abobom;
ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ,
na wabobɔ mu denden atia nʼasase.
Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so,
ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.
31 Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano,
na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman;
ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn
na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ”
Awurade na ɔseɛ.
32 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ
firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so;
ahum kɛseɛ bi rema ne ho so
afiri nsase ano.”
33 Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
34 Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ;
mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ.
Mokum berɛ no aduru
mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.
35 Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ
na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.
36 Montie nnwanhwɛfoɔ no su,
ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa,
ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
37 Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan
ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.
38 Na wɔn asase bɛda mpan
te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu
ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena
ne Awurade abufuhyeɛ no enti.
* 25:3 25.3 mfeɛ aduonu mmiɛnsa, Yosia dii ɔhene mfeɛ dunkron ɛnna Yehoiakim nso dii ɔhene mfeɛ ɛnan. 25:14 25.14 Amanaman bebree—Saa aman no yɛ Persia, Media ne ne nkurɔfoɔ.