28
Odiyifoɔ Torofoɔ Hanania
Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no. Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio. Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’ ”
Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim. Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu. Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ: Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ. Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
10 Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11 na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’ ” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.
12 Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu. 14 Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’ ”
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu. 16 Ɛno enti, sɛ Awurade seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’ ”
17 Ɔbosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ.