50
Asɛm A Ɛfa Babilonia Ho
Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie:
“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu.
Mompagya frankaa na mompae mu nka;
na momma wɔnte sɛ,
‘Wɔbɛfa Babilonia;
wɔbɛgu Bel anim ase,
na ehu bɛhyɛ Merodak ma.
Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase
na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so
na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo.
Obiara rentena so;
nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so.
 
“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom
de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.
Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion
na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.
Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade
wɔ daa apam a wɔn
werɛ remfiri mu.
 
“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera;
wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan
ma wɔkyinkyinii mmepɔ so.
Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so
na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea.
Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu;
wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ,
ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no,
Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’
 
“Monnwane mfiri Babilonia;
momfiri Babiloniafoɔ asase so,
na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.
Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom
afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia.
Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no,
wɔbɛfiri atifi fam ako afa no.
Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu,
wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi.
10 Enti wɔbɛfom Babilonia;
wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,”
Awurade na ɔseɛ.
 
11 “Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie,
mo a mofom mʼagyapadeɛ,
sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu
na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti,
12 Wo maame ani bɛwu pa ara;
deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase.
Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,
ɛserɛ, asase wesee ne anweatam.
13  Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ
na ɛbɛda mpan korakora.
Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ
ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
 
14 “Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,
mo a moto agyan nyinaa.
Monto no! Monnnya bɛmma biara,
ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
15 Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa!
Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu,
wɔdwiri nʼafasuo gu fam.
Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti,
montɔ ne so were;
monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no.
16 Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia,
ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no.
Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti
obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu,
obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.
 
17 “Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete
a agyata apam wɔn.
Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu
yɛ Asiriahene;
na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no
yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
18 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso
sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no.
19 Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea.
Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan;
ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so.
20 Saa nna no ne saa ɛberɛ no,”
Awurade na ɔsɛ,
“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu,
nanso wɔrennya bi,
wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,
nanso wɔrenhunu bi,
ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
 
21 “Monto nhyɛ Merataim asase so
ne nnipa a wɔte Pekod.
Montaa wɔn, monkunkum wɔn
na monsɛe wɔn korakora,”
Awurade na ɔseɛ.
“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
22 Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,
ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ!
23 Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ
asase nyinaa so asaeɛ!
Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan
wɔ amanaman no mu!
24 Mesum wo afidie Ao Babilonia,
na ɛyii wo ansa na worehunu;
wɔhunu wo kyeree wo
ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade.
25  Awurade abue nʼakodeɛ akoradan
na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue,
ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ
wɔ Babiloniafoɔ asase so.
26 Momfiri akyirikyiri mmra ne so.
Mommubu nʼasan no ani;
monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo.
Monsɛe no korakora
na monnnya no nkaeɛfoɔ biara.
27 Monkunkum nʼanantwinini nyinaa;
momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn!
Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru,
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
28 Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no
sɛ wɔreka wɔ Sion
sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were
nʼasɔrefie ho aweretɔ.
 
29 “Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia,
wɔn a wɔto agyan nyinaa.
Montwa ne ho nhyia;
momma obiara nnwane.
Montua ne nneyɛɛ so ka;
monyɛ no sɛdeɛ wayɛ.
Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia,
Israel kronkronni no.
30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so;
wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,”
Awurade na ɔseɛ.
31 “Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.”
Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ,
“ɛfiri sɛ wo da no aduru
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no.
32 Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase
obiara rempagya no;
mɛto ne nkuro mu ogya
na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
33 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Wɔhyɛ Israelfoɔ so,
na Yudafoɔ nso saa ara.
Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden
a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ.
34 Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ;
ne din ne Asafo Awurade.
Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so
sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,
na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.
 
35 “Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!”
Awurade na ɔseɛ.
“Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia
na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ!
36 Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ!
Wɔbɛdane nkwaseafoɔ.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ!
Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
37 Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam
ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!
Wɔbɛdane mmaa.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ!
Wɔbɛfom.
38 Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so!
Ɛbɛwewe.
Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,
ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
 
39 “Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,
na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena.
Obiara rentena so bio
ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.
40 Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora
ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,”
Awurade na ɔseɛ,
“saa ara na obiara rentena hɔ;
onipa biara rentena mu.
 
41 “Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba;
ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree,
wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.
42 Wɔkurakura bɛmma ne pea;
wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.
Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa
abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia.
43 Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,
ne nsa sesa ne ho kwa.
Ahohiahia akyekyere no;
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
44 Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu
rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,
saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu.
Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei?
Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?
Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
45 Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,
deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie:
Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ;
wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
46 Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso;
ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.