8
“ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’
Bɔne Ne Asotwe
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?
Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?
Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?
Wɔkura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
Mawɛn maso matie,
nanso wɔnnka deɛ ɛtene.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,
na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”
Obiara fa ɔno ara ɛkwan so
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem
nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,
na aturukuku, asomfena ne anyankuku
hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfoɔ nnim
deɛ Awurade hwehwɛ.
 
“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,
ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ
de atorɔ adanedane mu?
Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;
wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ
ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.
Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
11 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
12 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
 
13 “ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,
deɛ Awurade seɛ nie.
Aba biara remma bobe nnua no so.
Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,
ɛso nhahan bɛdwindwan.
Deɛ mede ama wɔn no
wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”
 
14 Adɛn enti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu
na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!
Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,
ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.
15 Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ
nanso biribi pa biara amfiri mu amma,
yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan
nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
16 Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee
firi Dan;
na wɔn apɔnkɔnini su
ma asase no nyinaa woso.
Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe
asase no ne ɛso nneɛma nyinaa,
kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
 
17 “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,
nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,
na wɔbɛkeka mo,”
deɛ Awurade seɛ nie.
 
18 Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,
mʼakoma aboto wɔ me mu.
19 Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ
a ɛfiri akyirikyiri asase so:
Awurade nni Sion anaa?
Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?”
 
“Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,
wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”
 
20 “Otwa berɛ no atwam,
ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,
na wɔnnyee yɛn nkwa.”
 
21 Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;
medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.
22 Aduro bi nni Gilead anaa?
Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?
Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ
mma me nkurɔfoɔ apirakuro?