18
Asase A Aka No Mu Kyekyɛ
Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo* na wɔsii hyiadan. Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.
Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.”
Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ.
 
10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.
Asase A Wɔde Maa Benyamin
11 Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.
12 Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam. 13 Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam.
14 Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ.
15 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho, 16 na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel. 17 Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima). 18 Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu, 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ.
20 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan.
Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
Nkuro A Wɔde Maa Benyamin
21 Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi:
Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23 Awim, Para ne Ofra, 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ.
25 Gibeon, Rama ne Beerot, 26 Mispa, Kefira ne Mosa, 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ.
Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
* 18:1 18.1 Silo a ɛfiri Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita 40 no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyedisom man wɔ Israel. Na Ahyiaeɛ Ntomadan no si hɔ ara kɔsii Samuel berɛ so (1 Sam 4.1-11) a wɔde kɔɔ Gibeon (1 Be 21.29).