7
Ai Di Israel So Nkonim
Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima.
Yosua somaa ne nnipa no bi firi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apueeɛ a ɛbɛn Bet-Awen no.
Wɔsane baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kuro no sua enti, ɛrenhia nnipa mpenu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” Enti, wɔde akofoɔ bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ nanso wɔdii Israelfoɔ no so pasaa. Ai mmarima taa Israelfoɔ no firi kuropɔn no ɛpono ano kɔsii Sebarim, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia a na wɔredwane afiri akono wɔ nsianeeɛ bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfoɔ no ma wɔbotoeɛ.
Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ. Afei, Yosua su frɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wonim sɛ Amorifoɔ no bɛkunkum yɛn? Sɛ yɛnim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. Awurade, seesei a Israelfoɔ adwane afiri wɔn atamfoɔ anim yi, asɛm bɛn na menka? Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?”
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Sɔre! Adɛn enti na wode wʼanim abutu hɔ saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara nkɔdwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Ao, Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔgya ma Awurade no ahinta mo mu. Morentumi nni mo atamfoɔ so da kɔsi sɛ moyi saa nneɛma no firi mo mu.
14 “ ‘Adekyeɛ mu no, abusuakuo biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuo a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuo no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ efie a ne ho wɔ asɛm no. Awieeɛ no, efie a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”
Akan Bɔne
16 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa Awurade anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa Awurade anim, na wɔyii Simri efie. 18 Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba.
19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
20 Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn. 21 Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia,* dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.”
22 Enti, Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim.
24 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atadeɛ ngugusoɔ no, sikakɔkɔɔ poma no, ne mmammarima, ne mmammaa, nʼanantwie, ne mfunumu, ne nnwan, ne ntomadan ne nʼagyapadeɛ nyinaa na wɔde no baa Akɔr bɔnhwa mu. 25 Yosua bisaa Akan sɛ, “Adɛn enti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.”
Na Israelfoɔ nyinaa sii Akan ne nʼabusuafoɔ aboɔ, hyee wɔn amu no. 26 Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ hɔ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, Awurade bo dwoeɛ.
* 7:21 7.21 Hebri mu no, Babilon yɛ Sinar.