Ahemfo
Nwoma A Ɛdi Ɛkan
1
Dawid Nkɔkoraaberɛ
Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa. Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.”
Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.
Adoniya Si Ne Ho Ɔhene
Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya* a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa sɛ ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo sɛ ɔbɛbisa no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi wɔ awoɔ mu.
Adoniya gyee Seruia babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ.
Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ. 10 Nanso, wamfrɛ odiyifoɔ Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho banbɔfoɔ anaa ne nuabarima Salomo.
11 Na odiyifoɔ Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo maame no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wonim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho ɔhene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? 12 Sɛ wopɛ sɛ wonya wo tiri didi mu, na wogye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotuo yi. 13 Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi ɔbɛdi wʼadeɛ sɛ ɔhene, na watena wʼahennwa no so? Na adɛn enti na Adoniya ayɛ ɔhene?’ 14 Na ɛberɛ a wɔgu so ne no rekasa no, mɛba abɛsi asɛm biara a woaka no so dua.”
15 Na Batseba kɔɔ ɔhene piam. Afei, na wabɔ akɔkoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. 16 Batseba kotoo no, na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
17 Ɔbuaa no sɛ, “Me wura, wogyina Awurade, wo Onyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na ɔbɛdi wʼadeɛ, na watena wʼahennwa so. 18 Nanso, ɛwiee aseɛ no, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforɔ a mpo, wonnim ho hwee. 19 Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi. 20 Na, me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn deɛ wobɛkyerɛ sɛ ɔnni wʼadeɛ sɛ ɔhene. 21 Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wonya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ awudifoɔ.”
22 Ɔgu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifoɔ Natan bɛduruu hɔ. 23 Ɔhene afotufoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Odiyifoɔ Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ɔhunu woɔ.” Natan kɔɔ mu kɔkotoo ɔhene no.
24 Ɔbisaa sɛ, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na ɔnni wʼadeɛ, na ɔntena wʼahennwa so anaa? 25 Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ 26 Na me a meyɛ wo ɔsomfoɔ no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. 27 Ɛyɛ nokorɛ sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfoɔ no mu biara ante onipa a ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no ho hwee?”
Dawid Si Salomo Ɔhene
28 Dawid kaa sɛ, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim bɛgyinaa hɔ.
29 Na ɔhene hyɛɛ bɔ sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, 30 ɛnnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na ɔbɛdi adeɛ sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahennwa so, sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, anim no.” 31 Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam sɛ, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”
32 Na ɔhene Dawid hyɛɛ sɛ, “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no, 33 ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Salomo ne me mpanimfoɔ no nkɔ Gihon asutire no ho. Salomo ntena mʼafunumpɔnkɔ so. 34 Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn totorobɛnto, na monteateam sɛ, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ 35 Na sɛ mosane de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahennwa so. Ɔbɛdi mʼadeɛ sɛ ɔhene, ɛfiri sɛ, mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.”
36 Yehoiada babarima Benaia gyee so sɛ, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Onyankopɔn no mmara no mmra mu saa. 37 Na Awurade nka Salomo ho sɛdeɛ ɔkaa wo ho no, na Salomo ahennie nyɛ yie nkyɛn wo deɛ no mpo.”
38 Enti, ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho banbɔfoɔ faa Salomo de no kɔɔ Gihon asutire no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afunumpɔnkɔ so. 39 Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok faa ngotoa§ firii ntomadan* kronkron mu hɔ bɛhwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn totorobɛnto maa nnipa no nyinaa teateaam sɛ, “Ɔhene Salomo nkwa so!” 40 Na nnipa no nyinaa sane ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurisie. Na anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne nteateam no ano yɛɛ den ara kɔsii sɛ, wɔn nne no wosoo asase.
41 Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa sɛ, “Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
42 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra mu, ɛfiri sɛ, woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
43 Yonatan buaa sɛ, “Dabi! Seesei ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. 44 Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho banbɔfoɔ rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asutire ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afunumpɔnkɔ so, 45 ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no. 46 Afei, seesei, Salomo te ahennwa so sɛ ɔhene. 47 Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no amo, kaa sɛ, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahennie nhyeta nkyɛn wo deɛ no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛseɛ nsene wo deɛ no!’ Na ɔhene sii ne tiri ase yii Awurade ayɛ, ɛberɛ a na ɔda ne mpa mu, 48 na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɛnnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahennwa so wɔ ɛberɛ a mete ase, na mehunu deɛ ɛrekɔ so nyinaa.’ ”
49 Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. 50 Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti ɔdwane kɔɔ ntomadan kronkron no mu kɔsosɔɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so no mu. 51 Ankyɛre na Salomo tee sɛ Adoniya akɔsosɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so, na ɔresrɛ sɛ, “Momma Salomo nsuae nkyerɛ ɛnnɛ yi ara, na wankum me!”
52 Salomo buaa sɛ, “Sɛ ɔbɛdi me nokorɛ deɛ a, wɔrenha no. Na sɛ wanyɛ saa deɛ a, wɔbɛkum no.” 53 Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie.”
* 1:5 1.5 Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔtɔ so ɛnan (2 Sam 3.4) a na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa enum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a ɔwuu ne mmɔfraase no) nyinaa awuwu. 1:7 1.7 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa. 1:7 1.7 Na Abiatar yɛ Ahimelek nanabarima. § 1:39 1.39 Ngo a wɔbɔ din ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (2 Mose 30.22-33) no. * 1:39 1.39 Ntomadan no yɛ ntomadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntomadan a wɔsii no anweatam so no da so wɔ Gibeon (3.4; 2 Sam 6.17).