13
Yehoahas Di Ɔhene Wɔ Israel
Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so. Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree.
Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no. Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no. Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia wɔ Samaria.
Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase.
Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas* dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Yehoas Di Ɔhene Wɔ Israel
10 Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia. 11 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho. 12 Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ wɔ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 13 Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Elisa Nkɔmhyɛ A Ɛtwa Toɔ
14 Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”
15 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no. 16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
17 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ.
Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek. 18 Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam.” Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa. 19 Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa sɛ, “Anka ɛsɛ sɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa.”
20 Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21 Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!
22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. 23 Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.
24 Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25 Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.
* 13:9 13.9 Ɔdii adeɛ wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu yɛ Yoas