19
Hesekia Hwehwɛ Awurade Mmoa
Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.”
Na ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, na Yesaia buaa sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu, na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ”
Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ 11 Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? 13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?”
14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ! Tie Sanaherib nsɛm a ɔka de bu Onyankopɔn teasefoɔ no animtiaa.
17 Awurade, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛdeɛ nkra no ka no. 18 Na wɔato aman yi anyame agu ogya mu, ahye wɔn. Asiriafoɔ no tumi sɛe wɔn ɛfiri sɛ na wɔnyɛ anyame koraa. Na wɔyɛ nnua ne aboɔ ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19 Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”
Yesaia Hyɛ Yuda Gyeɛ Ho Nkɔm
20 Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no. 21 Yei ne asɛm a Awurade aka atia no:
“ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo,
na ɔsere wo.
Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,
na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
22 Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?
Hwan na woama wo nne so atia no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
23 Wonam wʼasomafoɔ so
adi Awurade ho fɛw.
Na woaka sɛ,
“Mede me nteaseɛnam bebrebe no
adi bepɔ tentene pa ara so,
aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no.
Matwitwa ntweneduro atentene pa ara
ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam.
Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri
na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu.
24 Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so
de ne nsu pa no adwodwo me ho.
Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu
sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!”
 
25 “ ‘Na Monteeɛ?
Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.
Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ
ma wɔdane aboɔ asie.
26 Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no
ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.
Wɔte sɛ afuo so nnua,
ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;
wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi
a owia tumi hye so sɛe no.
 
27 “ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ
ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ
ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
28 Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,
na mʼankasa mate no enti,
mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,
na mede nnareka ato mo ano,
na mama mo afa ɛkwan
a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’
29 “Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:
“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,
afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.
Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.
Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.
30 Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,
mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre.
31 Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,
na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.
Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
 
32 “Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:
“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu
na ɔrento bɛmma wɔ ha.
Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi
na ɔrensi otua pie ntia no.
33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.
Awurade ka sɛ,
ɔrenwura saa kuro yi mu.
34 Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti,
mɛbɔ ho ban.”
35 Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara. 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkuro Ninewe mu.
37 Ɛda koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmammarima Adramelek ne Sareser de wɔn akofena kɔkumm no. Wɔdwane firii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforɔ Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.