Kwadwom
1
Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie,
kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma?
Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a
kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu?
Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no
abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.
 
Ɔsu yaayaaya anadwo,
nisuo sensane nʼafono so.
Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no,
ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ.
Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ
Wɔayɛ nʼatamfoɔ.
 
Amanehunu ne adwumaden akyi no,
Yuda kɔ nnommumfa mu.
Ɔte amanaman no mu
na ɔnni ahomegyebea
Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no
wɔ nʼahokyere mu.
 
Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,
ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.
Nʼapono nyinaa adeda mpan,
na nʼasɔfoɔ si apinie,
ne mmabaawa di yea,
na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.
 
Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;
wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.
Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so
nʼamumuyɛ bebrebe enti.
Ne mma kɔ nnommumfa mu.
Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.
 
Animuonyam nyinaa atu
afiri Ɔbabaa Sion so kɔ.
Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ
a wɔnnya adidibea;
na wɔde mmerɛyɛ adwane
wɔ wɔn ataafoɔ anim.
 
Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,
Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa
a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu.
Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,
na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.
Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no
na wɔseree ne sɛeɛ.
 
Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ
enti ne ho agu fi.
Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,
ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya;
ɔno ankasa gu ahome
na ɔdane nʼani.
 
Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu;
wannwene ne daakye ho.
Nʼasehweɛ yɛ nwanwa;
obiara ankyekyere ne werɛ.
“Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu,
ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”
 
10 Ɔtamfoɔ no de ne nsa too
nʼademudeɛ nyinaa so;
ɔhunuu sɛ amanaman
rehyɛne ne kronkronbea hɔ,
nnipa a woabra sɛ
wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.
 
11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie
ɛberɛ a wɔrepɛ aduane;
wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane
de nya ahoɔden.
“Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,
ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”
 
12 “Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa?
Monhwɛ na monhunu.
Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ
a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?
Deɛ Awurade de baa me so
wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
 
13 “Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,
ma ɛbaa me nnompe mu.
Ɔsum afidie maa me nan
na ɔsane me kɔɔ mʼakyi.
Ɔyɛɛ me pasaa,
metɔɔ bira da mu nyinaa.
 
14 “Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;
ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.
Abɛda me kɔn mu
na Awurade atwe mʼahoɔden.
Ɔde me ahyɛ wɔn a
merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
 
15 “Awurade apo
ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;
wafrɛ akodɔm atia me
sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.
Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so
wɔ ne nsakyiamena hɔ.
 
16 “Yeinom enti na mesu
na nisuo adware me.
Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.
Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.
Me mma agyigya
ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”
 
17 Sion trɛ ne nsa mu
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ
Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ
ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;
Yerusalem abɛyɛ
afideɛ wɔ wɔn mu.
 
18 Awurade yɛ ɔteneneeni,
nanso manni nʼahyɛdeɛ so.
Montie, mo amanaman nyinaa
monhwɛ me yea.
Me mmeranteɛ ne mmabaawa
kɔ nnommumfa mu.
 
19 “Mefrɛɛ mʼapamfoɔ
nanso wɔyii me maeɛ.
Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ
ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu,
ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi
na wɔanwuwu.
 
20 “Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ!
Meredi ɛyea wɔ me mu,
na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,
ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.
Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so;
efie nso yɛ owuo nko ara.
 
21 “Nnipa ate mʼapinisie,
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.
Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu
wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.
Ma nna a woahyɛ no mmra
sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.
 
22 “Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;
na wo ne wɔn nni
sɛdeɛ wo ne me adie
ɛsiane mʼamumuyɛ no enti.
Mʼapinisie dɔɔso
na mʼakoma aboto.”