11
Mmoa A Wɔn Ho Te Ne Wɔn A Wɔn Ho Nte
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu. Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.
“ ‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ; Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ. Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa. Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.
“ ‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu; 10 nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi. 11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu. 12 Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi.
13 “ ‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo, 14 ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa, 15 anene (wɔn ahodoɔ nyinaa), 16 sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa), 17 ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ, 18 bakanoma, nantwinoma, opete, 19 asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan.
20 “ ‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe 21 agye wɔn a wɔhuri; 22 ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we. 23 Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi.
24 “ ‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ 25 na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi.
26 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi. 27 Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ. 28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ.
29 “ ‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura, 30 efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ. 31 Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ 32 na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio. 33 Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no. 34 Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara. 35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo. 36 Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi. 37 Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi, 38 nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.
39 “ ‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ. 40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ.
41 “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam. 42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi. 43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. 44 Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. 45 Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.
46 “ ‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. 47 Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”