18
Mogyafra Yɛ Mmarato
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Mene Awurade mo Onyankopɔn, enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn. Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn. Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade.
“ ‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
“ ‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.
“ ‘Anaa nʼagya yerenom mu bi.
“ ‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.
10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani.
11 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.
12 “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.
13 “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.
14 “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no.
15 “ ‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase.
16 “ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.
17 “ ‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
18 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.
19 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.
20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.
21 “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
22 “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
23 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.
24 “ ‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so. 25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so. 26 Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa. 27 Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi. 28 Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no.
29 “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu. 30 Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ”