2
Atokoɔ Afɔrebɔ
“ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.
“ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie. Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no. Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ. Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no. Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. 10 Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.
11 “ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu. 12 Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. 13 Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu.
14 “ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade. 15 Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ. 16 Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.