4
Bɔne Ho Afɔrebɔ
Afei Awurade hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so.
“ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo, 10 na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ. 11 Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ, 12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no.
13 “ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ. 14 Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. 16 Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, 17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim. 18 Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 19 Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so. 20 Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. 21 Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ.
22 “ ‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom Awurade Onyankopɔn mmara no baako 23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. 24 Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama Awurade no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. 25 Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase. 26 Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.
27 “ ‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ. 28 Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. 29 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no. 30 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. 31 Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
32 “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho. 33 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. 34 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. 35 Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.