9
Asɔfodwuma No Ahyɛaseɛ
Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim. Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.”
Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.”
Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ. Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase. 10 Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 11 Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi.
12 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa, 13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so. 14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
15 Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho.
16 Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa Awurade sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no. 17 Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho.
18 Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 19 Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo. 20 Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so. 21 Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.
22 Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam.
23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na Awurade animuonyam baa nnipa no nyinaa so. 24 Na ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ Awurade anim.