6
Odiyifoɔ A Ɔnni Animuonyam
Yesu firi baabi a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafoɔ no ka ne ho. Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn.
Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi? Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam.” Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ. Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa.
Yesu Soma Asuafoɔ Dumienu No
Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ. Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so.
Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nie, “Mommfa biribiara nkura gye mo poma nko ara; mommfa aduane anaa kotokuo anaa sika. Bio, mommfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nka deɛ ɛhyɛ mo yi ho. 10  Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako pɛ mu. Monnsesa mo atenaeɛ. 11  Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.”
12 Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho. 13 Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.
Yohane Osubɔni No Kum
14 Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.”
15 Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba.
Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.
16 Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.”
17 Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ. 18 Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Herode sɛ, “Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo nua yere.” 19 Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso dɛ, ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye sɛ Herode ama no tumi. 20 Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee. Yei enti, ɔbɔɔ ne ho ban. Ɛberɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no.
21 Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ. 22-23 Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntamka kyerɛɛ ababaawa no sɛ, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”
24 Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”
25 Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!”
26 Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so. 27 Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti, 28 na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 29 Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu.
Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane
30 Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi.
32 Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33 Nanso, ɛberɛ a wɔrekɔ no, nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano hɔ kɔhyiaa wɔn. 34 Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.
35 Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.”
37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.”
Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!”
38 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”
Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.”
39 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so. 40 Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum. 41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! 43 Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum; 44 na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
Yesu Nante Nsuo Ani
45 Adidie no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni ɛkan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no ɛkwan na wati wɔn. 46 Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ.
47 Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa hunuu no.
Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!” 51 Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn, 52 ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.
Genesaret Ayaresa
53 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. 54 Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no. 55 Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56 Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.