2
Asɔfoɔ No Animka
Afei mo asɔfoɔ, saa animka yi wɔ mo. Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Mo enti mɛka mo asefoɔ anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. Na mobɛhunu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoeɛ apam. Na apam no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma Lewi nkwa ne asomdwoeɛ, enti memaa no nkwa ne asomdwoeɛ. Nokorɛ nkyerɛkyerɛ firii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne nokorɛdie mu, na ɔmaa bebree danee wɔn ho firii bɔne ho.
“Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafoɔ. Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”
Yuda Anni Nokorɛ
10 Yɛn nyinaa mfiri Agya baako anaa? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn enti na yɛnni yɛn ho yɛn ho nokorɛ, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?
11 Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame. 12 Ɔbarima a ɔyɛ yei deɛ, sɛdeɛ ɔteɛ biara, Awurade mpam no mfiri Yakob ntomadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ rebrɛ Asafo Awurade no koraa a.
13 Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ Awurade afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn. 14 Mobisa sɛ, “Adɛn nti?” Ɛfiri sɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam, a woanni no nokorɛ.
15 Ɛnyɛ Awurade korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ.
16 “Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ Awurade Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ.
Atemmuo Da
17 Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso.
Mobisa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?”
Moka sɛ, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa tene wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn ɔtemmufoɔ nokwafoɔ no wɔ he?”