4
Awurade Da
“Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn. Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu. Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.
“Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”