17
Yesu Animuonyam Da Adi
Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi. Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera. Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.
Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”
Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”
Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam. Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!” Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara.
Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.”
Elia Mmaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu Ho Asɛm
10 Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?”
11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie. 12  Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.” 13 Afei, asuafoɔ no hunuu sɛ, Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no.
Otwafoɔ Bi Ayaresa
14 Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu nkotodwe wɔ Yesu anim kaa sɛ, 15 “Owura, hunu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Sɛ otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu. 16 Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi.”
17 Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.” 18 Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.
Gyidie Mu Tumi
19 Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛantumi antu honhommɔne no?”
20 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina aba*a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ nohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri. 21  Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so.”
Yesu Ka Ne Owuo Ho Asɛm
22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23  wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ.
Yesu Tua Asɔredan Mu Ɛtoɔ
24 Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Enti, wo wura tua ɛtoɔ?”
25 Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.”
Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?”
26 Petro buaa sɛ, “Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no.”
Yesu nso buaa sɛ, “Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. 27  Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, kɔ asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.”
* 17:20 17.20 ɛgyina hɔ ma sinapi aba.