2
Anyansafoɔ A Wɔfiri Apueeɛ No
Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:
“ ‘Ao kuro Betlehem, wo a
wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu,
wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi
me ɔman Israel anim afiri.’ ”
Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ. 10 Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. 11 Wɔduruu efie* a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. 12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
Wɔbɔ Wɔn Ho Adwaa Wɔ Misraim
13 Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”
14 Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15 na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
Betlehem Mmɔfra No Kum
16 Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no. 17 Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ,
18 “Wɔte nne bi wɔ Rama.
Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ;
Rahel resu ne mma;
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,
ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.
Wɔsane Ba Nasaret
19 Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ, 20 “Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.”
21 Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea. 23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.
* 2:11 2.11 Anyansafoɔ no ankɔhwɛ Yesu ɛberɛ a ɔda mmoa adididaka mu sɛdeɛ na amanneɛ te ne sɛdeɛ nnwanhwɛfoɔ no kɔhwɛɛ no no. Mmom, abosome bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abɔfra” no wɔ ne “fie”. 2:22 2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii adeɛ sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirinhyia edu pɛ. (4 AWK–6 KAA) Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ ne nhyɛsotrasoɔ. Yei ma wɔtuu no adeɛ so ma Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wɔtua toɔ ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. 2:22 2.22 Yesu berɛ so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam.