8
Yesu Sa Nyarewa
Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”
Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ, “Awurade, mʼabɔfra abubu gu hɔ a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛba abɛsa no yadeɛ.”
Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den. Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.”
10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da. 11  Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu. 12  Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ.”
13 Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!
Yesu Sa Petro Ase Yadeɛ
14 Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ. 15 Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
16 Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
“Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ,
na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
Yesu Akyiridie
18 Yesu hunuu sɛ ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntwa nkɔ asuogya nohoa. 19 Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!”
20 Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”
21 Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.”
22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”.
Yesu Brɛ Ahum Ase
23 Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. 25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
27 Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
Yesu Tu Ahonhommɔne
28 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. 29 Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”
30 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi. 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.”
32 Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. 33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ. 34 Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu wɔ hɔ no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ɔman mu hɔ nkɔ.