11
Nnipa No Kɔtena Yerusalem
Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara. Na ɔmanfoɔ no kamfoo obiara a ɔfiri ne pɛ mu sane kɔtenaa Yerusalem no.
 
Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so, nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem.
 
Yuda abusuakuo mu nnipa no nie:
Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;
Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.
Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.
Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie:
Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; na nʼakyiri no na Gabai ne Salai, ne abusuafoɔ ahankron aduonu nwɔtwe (928) ba.
Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no.
10 Asɔfoɔ no mu nnipa nie:
Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima, 12 ne wɔn mfɛfoɔ aha nwɔtwe aduonu mmienu (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima 13 ne ne mfɛfoɔ ahanu aduanan mmienu (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofoɔ. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima 14 ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
15 Lewifoɔ no nso nie:
Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so;
17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaeɛbɔ buee aseda afɔdeɛ som ano;
Bakbukia a na ɔyɛ Matania abadiakyire ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
18 Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan (284) na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu.
19 Aponoanohwɛfoɔ no nie:
Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu (172) a na wɔwɛn wɔ apono no ano.
 
20 Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ.
21 Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so.
22 Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. 23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammuo mu.
25 Yudafoɔ no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraaseɛ, Dibon ne ne nkuraaseɛ ne Yekabseel ne ne nkuraaseɛ. 26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, 27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa so, 28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa so. 29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, 30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu.
31 Benyamin nkurɔfoɔ no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa so. 32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, 33 Hasor, Rama, Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod, Ono ne Adwumfoɔ Bɔnhwa mu nso.
36 Wɔmaa Lewifoɔ a na wɔtete Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuo no ho, ne wɔn tenaeɛ.