7
Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”
Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin
Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:
 
Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
 
Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
Abusuafoɔ dodoɔ nie:
  Paros 2,172
Sefatia 372
10 Arah 652
11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,818
12 Elam 1,254
13 Satu 845
14 Sakai 760
15 Bani 648
16 Bebai 628
17 Asgad 2,322
18 Adonikam 667
19 Bigwai 2,067
20 Adin 655
21 Ater (Hesekia asefoɔ) 98
22 Hasum 328
23 Besai 324
24 Harif 112
25 Gibar 95
26 Mmarima a wɔfiri
  Betlehem ne Netofa 188
27 Anatot 128
28 Bet-Asmawet 42
29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743
30 Rama ne Geba 621
31 Mikmas 122
32 Bet-El ne Ai 123
33 Nebo 52
34 Elam 1,254
35 Harim 320
36 Yeriko 345
37 Lod, Hadid ne Ono 721
38 Senaa 3,930
 
39 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973
40 Imer asefoɔ 1,052
41 Pashur asefoɔ 1,247
42 Harim asefoɔ 1,017
 
43 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74
 
44 Nnwontofoɔ:
Asaf asefoɔ 148
 
45 Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ:
Salum, Ater, Talmon asefoɔ,
Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138
 
46 Asɔredan mu asomfoɔ:
Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
47 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
48 Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,
49 Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,
50 Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,
51 Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,
52 Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,
53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
54 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
55 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
56 Nesia ne Hatifa asefoɔ
57 Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,
58 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
59 Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,
60 Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ 392
 
61 Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:
62 Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ 642
 
63 Asɔfoɔ baasa a wɔn din de
Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)
64 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 65 Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
 
66 Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360), 67 a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ. 68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245). 69 Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).
 
70 Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530). 71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no. 72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).
73 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so.
Ɛsra Kenkan Mmara No
Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,