16
Kora Atuateɛ
Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho. Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ. Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Wo, Kora, ne wɔn a wɔka wo ho, ɔkyena momfa aduhwamhyeɛ nkukuo na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.”
Mose sane bisaa Kora sɛ, “Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa? 10 Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ? 11 Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?”
12 Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ. 13 Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene? 14 Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.
15 Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
16 Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ, “Ɔkyena wo ne wo nnamfonom nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha. Aaron nso bɛba ha bi. 17 Monkae na momfa mo aduhwamhyeɛ nkukuo a aduhwam gu so mmra. Obiara mfa aduhwamhyeɛ kukuo mmra. Ne nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduonum, na momfa mmrɛ Awurade. Na Aaron nso de ne deɛ bɛba ha bi.” 18 Enti wɔyɛɛ saa. Wɔde wɔn aduhwamhyeɛ nkukuo baeɛ. Wɔsɔɔ ano de aduhwam guu so na wɔne Mose ne Aaron bɛgyinagyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 19 Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, Awurade de animuonyam baa nnipa no nyinaa so 20 na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 21 “Montwe mo ho mfiri saa nnipa yi ho na manya ɛkwan asɛe wɔn ntɛm.”
22 Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛɛ sɛ, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Onyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”
23  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24 “Ɛnneɛ ka kyerɛ nnipa no na wɔmfiri Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu.”
25 Enti, Mose yɛɛ ntɛm kɔɔ Datan ne Abiram ntomadan no mu a Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, 26 “Ntɛm, momfiri saa nnipabɔnefoɔ yi ntomadan mu na mommfa mo nsa nka wɔn biribiara. Sɛ moyɛ saa a, wɔde mo bɛka wɔn bɔne a wɔayɛ no ho na wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa.” 27 Enti, nnipa no firii Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu kɔgyinagyinaa akyire. Ɛnna Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan no akwan ano.
28 Mose kaa sɛ, “Ɛnam yei so bɛma moahunu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ deɛ mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara me tumi mu na mefiri yɛɛ saa. 29 Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me. 30 Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.”
31 Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ, 32 na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa. 33 Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ. 34 Israelfoɔ nyinaa de nteateamu dwaneeɛ, ɛfiri sɛ, “Nna wɔsuro sɛ asase no bɛmene wɔn nso!”
35 Afei, ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee nnipa ahanu aduonum a na wɔrehye aduhwam no nyinaa.
36  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 37 “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ ɔnyi aduhwamhyeɛ nkukuo no mfiri ogya no mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron, na ɔnyi gyasramma no 38 mfiri saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhwamhyeɛ nkukuo no aseɛ. Ɔbɛboro aduhwamhyeɛ nkukuo no ama ayɛ trawa na ɔde akata afɔrebukyia no so. Saa aduhwamhyeɛ nkukuo yi yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, wɔde adi dwuma wɔ Awurade anim. Na afɔrebukyia no nkatasoɔ yi bɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfoɔ.”
39 Enti, ɔsɔfoɔ Eleasa faa aduhwamhyeɛ nkukuo ahanu aduonum no na ɔboro ma ɛyɛɛ ntrawa na ɔde kataa afɔrebukyia no so, 40 na Israelfoɔ no nam so akae sɛ obiara a wɔmmaa no ho kwan anaa ɔmfiri Aaron ase no, ɔnni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhye aduhwam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne nʼahokafoɔ no bi bɛto no. Sei na Mose yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
41 Adeɛ kyee anɔpa no, nnipa no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Moakum Awurade nkurɔfoɔ.”
42 Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu Awurade animuonyam nwanwaso no. 43 Mose ne Aaron bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, 44 na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 45 “Twe wo ho firi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim.
46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ntɛm, fa aduhwamhyeɛ kukuo no na yi ogya firi afɔrebukyia no so gu mu. Fa aduhwam gu so na fa fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpatadeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo aduru wɔn so. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.” 47 Aaron yɛɛ deɛ Mose hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔtuu mmirika faa nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyee aduhwam no de yɛɛ mpatadeɛ maa wɔn. 48 Na ɔgyinaa ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ɔyaredɔm no gyaeeɛ, 49 nanso, na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dada abɛka wɔn a wɔne Kora wuwuiɛ ɛda a ɛdi animu no ho. 50 Ɔyaredɔm no gyaeeɛ no, Aaron sane kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.