2
Israel Mmusuakuo Atenaeɛ Ho Nhyehyɛeɛ
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”
 
Apueeɛ fam,
baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).
Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).
Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).
Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan (186,400). Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.
 
10 Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11 Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).
12 Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. 13 Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).
14 Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).
16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.
 
17 Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.
 
18 Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum (40,500).
20 Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. 21 Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,200).
22 Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. 23 Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).
24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.
 
25 Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26 Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).
27 Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. 28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).
29 Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. 30 Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).
31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia (157,600).
 
32 Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum (603,550). 33 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.
 
34 Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.