28
Afɔrebɔ Ahodoɔ
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no. Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano. Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ. Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho. Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ.
“ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no. 10 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no.
11 “ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 12 Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; 13 na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani. 14 Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu. 15 Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.
16 “ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no. 17 Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu. 18 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara. 19 Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. 20 Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho, 21 na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho. 23 Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho. 24 Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie. 25 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara.
26 “ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no. 27 Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson. 28 Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho; 29 na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho. 30 Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho. 31 Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.