34
Kanaan Ahyeɛ
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:
 
“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no. Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon. Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.
Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.
Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor, de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad ne Sifron akɔ Hasar-Enan.
10 Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam 11 akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam, 12 na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.
 
“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”
 
13 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa. 14 Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi 15 wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”
Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No
16  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 17 “Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua. 18 Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.
 
19 “Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
 
“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;
20 Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;
21 Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;
22 Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;
23 Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;
24 Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;
25 Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;
26 Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;
27 Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;
28 Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”
 
29 Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.