Petro
Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu
1
Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn,
 
Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
 
Onyankopɔn Frɛ
Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho; na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho. Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. Na obiara a ɔnni bi no yɛ onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri sɛ wɔahohoro ne bɔne dada.
10 Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho wɔ dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso. 11 Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu.
12 Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no. 13 Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho. 14 Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi.
16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. 17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. 18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no.
19 Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ sɛ motie no yie ɛfiri sɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo akoma mu no. 20 Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase. 21 Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.